Luke 18

Mpaebɔ ho bɛ

1Da bi Yesu nam abebu so kyerɛɛ nʼasuafo no hia a ehia sɛ wɔbɔ mpae daa a wɔmpa abaw.

2Yesu kae se, “Ɔtemmufo bi tenaa kurow bi mu a na onsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara. 3Na ɔbea kunafo bi te saa kurow yi mu a, ɔne obi wɔ asɛm. Daa na saa okunafo yi kɔ ɔtemmufo no nkyɛn kɔsrɛ no sɛ onni nʼasɛm no mma no. 4Mfitiase no, ɔtemmufo no ammua no. Nanso akyiri yi ɔkae se, ‘Ɛwom sɛ minsuro Onyankopɔn, mfɛre onipa biara de, 5nanso esiane sɛ daa ɔbea yi haw me nti, mɛhwɛ adi asɛm no yiye ama no sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremmɛhaw me bio!’ ”

6Awurade toaa so se, “Moate asɛm a ɔtemmufo yi a ɔnteɛ no kae. 7Munnnye nnni sɛ Onyankopɔn bedi ama ne mma a daa wosu frɛ no awia ne anadwo no no anaa ɔbɛtwentwɛn ne nan ase anaa? 8Merema moate ase sɛ, ɔbɛyɛ wɔn apɛde ama wɔn ntɛm. Sɛ Onipa Ba no san ba a, nnipa baahe na obehu wɔn sɛ wɔwɔ ne mu gyidi?”

Farisini ne towgyeni

9Yesu san buu bɛ bi faa nnipa a wobu wɔn ho sɛ atreneefo na ɛno nti wobu afoforo animtia no ho se, 10“Da bi nnipa baanu bi kɔɔ asɔredan mu kɔbɔɔ mpae. Na wɔn mu baako yɛ Farisini a obu ne ho, na ɔbaako no nso yɛ towgyeni. 11Farisini yi kogyinaa baabi a obiara behu no bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, meda wo ase sɛ mente sɛ nnipa a aka no te sɛ apoobɔfo, nkontompofo, aguamammɔfo ne saa towgyeni a ogyina hɔ yi. 12Nnawɔtwe biara mu, midi mmuada mprenu na nea minya biara nso, miyi mu nkyɛm du mu baako de ma.’

13“Saa bere no na towgyeni no gyina akyiri baabi a ɔmpɛ sɛ ɔma nʼani so kyerɛ soro. Ɔde ne nsa guu ne bo bɔɔ mpae se, ‘Onyankopɔn, hu me ɔdebɔneyɛfo mmɔbɔ!’ 14Mereka akyerɛ mo se, nea towgyeni no yɛe no sɔɔ Onyankopɔn ani sen nea Farisini no yɛe no. Obiara a ɔma ne ho so no, wɔbɛbrɛ no ase, na nea ɔbrɛ ne ho ase no, wɔbɛma no so.”

Yesu hyira mmofra nketewa

15Da bi, awofo bi de wɔn mma nketewa brɛɛ Yesu sɛ ɔmfa ne nsa nka wɔn, nhyira wɔn. Asuafo no huu awofo no no, wɔtramtram wɔn.

16Yesu frɛɛ mmofra no awofo no baa ne nkyɛn na ɔka kyerɛɛ nʼasuafo no se, “Momma mmofra nketewa no mmra me nkyɛn na munnsiw wɔn kwan, na eyinom sɛɛ na Onyankopɔn Ahenni no yɛ wɔn dea. 17Merema moate ase sɛ, obiara a onnye Onyankopɔn Ahenni no nni sɛ abofra ketewa no, renkɔ mu.”

Osikani bi

18Da bi Yudani sikani bi bisaa Yesu se, “Kyerɛkyerɛfo pa, dɛn na menyɛ na manya nkwa a enni awiei?”

19Yesu buaa no se, “Adɛn nti na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ papa, gye Onyankopɔn.

20“Wunim Mose mmara no: mmɔ aguaman! Nni awu! Mmɔ korɔn! Nni adansekurum! Di wʼagya ne wo na ni!”

21Osikani yi ka kyerɛɛ Yesu se, “Madi saa mmara yi nyinaa so fi me mmofraase.”

22Yesu tee nea osikani no kae no, ɔka kyerɛɛ no se, “Ade baako pɛ na aka wo a ɛsɛ sɛ woyɛ. Kɔ na kɔtɔn wʼahode nyinaa na kyɛ sika no ma ahiafo na wubenya agyapade wɔ Onyankopɔn Ahenni no mu, na afei, bra bedi mʼakyi.”

23Osikani yi tee saa asɛm yi no, anyɛ no dɛ koraa efisɛ, na ɔwɔ ahode pii.

24Yesu hui sɛ ne werɛ ahow no ɔkae se, “Ɛyɛ den ma ahonyafo sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu! 25Mereka akyerɛ mo se, ɛyɛ mmerɛw sɛ nantwi bewura paane aniwa mu sen sɛ ɔhonyafo bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni no mu.”

26Na wɔn a wɔtee nea Yesu kae no bisae se, “Ɛnne na hena na wobegye no nkwa?”

27Yesu buae se, “Biribiara nni hɔ a Onyankopɔn ntumi nyɛ.”

28Petro ka kyerɛɛ Yesu se, “Yɛagyaw nea yɛwɔ nyinaa hɔ abedi wʼakyi.”

29Yesu buaa Petro se, “Merema mo ate ase sɛ, obiara nni hɔ a, esiane Onyankopɔn Ahenni no nti, wagyaw ne fi anaa ne nuanom anaa nʼawofo anaa ne mma 30na ɔrennya mma ɛmmoro nea wahwere no so saa bere yi mu, na daakye nso, ɔrennya nkwa a enni awiei.”

Yesu san hyɛ ne wu ho nkɔm

31Yesu frɛɛ asuafo dumien no gyinaa nkyɛn baabi ka kyerɛɛ wɔn se, “Yɛrekɔ Yerusalem, na biribiara a nkɔmhyɛfo no aka afa Onipa Ba no ho no bɛba mu. 32Wobeyi no ama Amanamanmufo ama wɔadi ne ho fɛw, ayeyaw no, atew ntasu agu no so, 33aka no mpire, akum no na ne nnansa so no, wasɔre.”

34Asuafo no ante nea Yesu kae no biara ase, efisɛ, na asɛm no boro wɔn adwene so.

Onifuraefo bi ayaresa

35Yesu ne nʼasuafo no rebɛn Yeriko no, wohuu onifuraefo bi a ɔte kwankyɛn resrɛsrɛ ade. 36Onifuraefo no tee sɛ nkurɔfokuw bi retwam no, obisaa asɛm a asi. 37Wɔka kyerɛɛ no se, “Yesu Nasaretni no na ɔretwam!” 38Ɔtee saa no, ɔteɛteɛɛm se, “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

39Wɔn a wodi anim no tramtram no se ommua nʼano nanso wantie, na ɔkɔɔ so teɛteɛɛm denneenen se, “Yesu Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!”

40Yesu duu baabi a onifuraefo no te no, ɔma wɔde no brɛɛ no. Wɔde no duu Yesu nkyɛn no, obisaa no se, 41“Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no buae se, “Awurade, ma minhu ade.”

42Yesu ka kyerɛɛ no se, “Hu ade, wo gyidi ama wo ho ayɛ wo den.”

43Amonom hɔ ara, onifuraefo yi huu ade, na odii Yesu akyi, yii Onyankopɔn ayɛ. Na wɔn a wohuu ayaresa no nyinaa nso yii Onyankopɔn ayɛ.

Copyright information for TwiNAK